Jump to content

Wp/abr/Pearl Amoah

From Wikimedia Incubator
< Wp | abr
Wp > abr > Pearl Amoah

Pearl Amoah yɛ Ghana kane nhwɛsoɔ (model) ne ahoɔfɛ akansifoɔ. Mprempren he ɔyɛ ɔsɔfoɔ.[1] Na ɔyɛ Miss Northern Region wɔ afe 1994 mu, Miss Ghana Universe wɔ afe 1996 mu nee Miss Ghana International pagant wɔ afe 2015[2][3] Ɔsan nso dii nkonim wɔ Afrika Ebony model a wɔ afe 1999. Wɔ afe 2000 mu he, bɛ maa he choreographer a ɔsene biara wɔ mfirihyia apem abasobɔdeɛ he mu wɔ Mfirihyia Apem Ahwɛfoɔ Abasobɔdeɛ mu. Wayɛ nhwɛsoɔ (model) wɔ United States, Paris, London, Germany, Ivory Coast nee Ghana.[4]

N'abrabɔ ahyɛaseɛ

[edit | edit source]

Bɛwoo Pearl Amoah wɔ Accra a bɛwɔ Ghana.[2][3] Na ɔyɛ Miss Northern Region wɔ afe 1994 mu, Miss Ghana Universe wɔ afe 1996 mu nee Miss Ghana International pagant wɔ afe 2015[2][3]

Nneɛma a bɛde yɛ adwuma

[edit | edit source]

Pearl Amoah hyehyɛɛ PAF Outlet, aguadidan a edi kane a bɛde ama Ghana ntadehyɛ ahodoɔ nkutoo.[2] Wɔ afe 1999 mu he, ɔhyehyɛɛ Fashion House. Ɔsane nso wɔ PearlProjects a ɔde bɛkyerɛ n’adebɔ nee n’adwinni ho nimdeɛ. Ɔde Ghana Fashion Week bae wɔ afe 2001. Bɛ yɛɛ ho nhyehyɛeɛ afe biara ma ntadehyɛfoɔ a bɛagye din wɔ Afrika bɛhyiam na bɛakyerɛ bɛ nsaanodwuma ho anisɔ. Ɔde n’ankasa line Pearl sii hɔ wɔ afe 2004. Akyiri yi saa afehe ara mu he, ɔnee JP Miller boom na bɛde JosephPearl brand he sii hɔ. Afe a edi hɔ he, wobuee bɛ aguadidan a edi kane wɔ Soho, New York.[4]

Adwuma a bɛ yɛ wɔ nhwɛsodeɛ mu

[edit | edit source]

Ɔyɛɛ ntadehyɛ ho nhwɛsodeɛ adwuma ama afɛfɛde adwumakuw te sɛ Roberto Cavalli, Vivien Westwood, Halston, Donna Karen, Alberta Ferreti, Ralph Rucci, Jakie Rogers, Armani, Valentino nee afoforɔ. Mfoninitwafoɔ te sɛ Peter Lindberg, Dewy Nicks, Marco Glaviano, Frank Otten nee Gean-Luca na bɛatow he tuo ama nsɛmma nhoma ahodoɔ te sɛ Vibe, Paris Voici, Essence, Black Elegance, Marie Claire, Cosmopolitan, nee Cosmo Girl.[4]

Nhomasua

[edit | edit source]

Onyaa ne ntoaso sukuu wɔ Labone Ntoaso Sukuu.[5] Onyaa ne abodini krataa ɛwɔ Ahɔhoyɛ Ho Nsɛm a Bɛde Di Dwuma mu (Bachelor's Degree in Hospitality Management) firi Westbourne Sukuupɔn (Westbourne University) a ɛwɔ London. Ɔsane nso wɔ diploma abodini krataa wɔ Fie a Bɛ Siesie nee Mfinimfini Nsusuwii (Architecture & Interior Design) mu wɔ Parsons Sukuu wɔ Design mu wɔ New York.[6]

N'abrabɔ mu nsɛm

[edit | edit source]

Bɛfiri La a bɛwɔ Accra na ɔno nko ara ne ba aMadam Bernice Adjeley Adjei bɛwu he. Ɔwaree Mac Diamond Kodjo Emekor Nyamekor wɔ afe 2008 mu maa na bɛwɔ mma mmiensa.[7][8] Pearl Amoah yɛ Kristoni.[2][3]

Mmoayɛ ahodoɔ

[edit | edit source]
  1. Template:Wp/abr/Cite web
  2. 1 2 3 4 5 Template:Wp/abr/Cite web
  3. 1 2 3 4 Template:Wp/abr/Cite web
  4. 1 2 3 Template:Wp/abr/Cite web
  5. Template:Wp/abr/Cite web
  6. Template:Wp/abr/Cite web
  7. Template:Wp/abr/Cite web
  8. Template:Wp/abr/Cite web