Jump to content

Wp/abr/Mohammed Abu

From Wikimedia Incubator
< Wp | abr
Wp > abr > Mohammed Abu

Mohammed Abu a bɛwoo no Obubuo bosome ne da a ɔtɔ so du-nnan wɔ afe 1991 mu yɛ Ghanani bɔɔlobɔni.

Ɔbɔɔ bɔɔlo maa Strømsgodset, Rayo Vallecano, Lorient, Columbus Crew SC, ne Vålerenga, ne afei so ɔdii mmerɛ kakra wɔ Manchester City, Eintracht Frankfurt, and AGF nkyɛn. Abu sane ba bɛkaa Ghana bɔɔlobɔ kuo ne ho.

Ne Bɔɔlobɔ Adwuma

[edit | edit source]

Manchester City ne loans

[edit | edit source]

Ɔne Sporting bɔɔlobɔkuo wɔ Nkran no bɔɔ mmabunu bɔɔlo wieeɛ no, Abu de ne ho kɔkaa English Manchester City ho wɔ Ɔsanaa bosome ne da a ɔtɔ so aduasa-baako wɔ afe 2010 mu. Ntɛm ara bɛde ne kɔkaa Norwegian bɔɔlobɔkuo Strømsgodset ho kɔsii Ayɛwohomumɔ bosome mu wɔ afe 2011 mu. Deɛ ɔde saa baeɛ ne sɛ,ne Abu nnyaa krataa a ɔde bɛyɛ adwuma ne ama no aatim aabɔ bɔɔlo wɔ England.[1] Abuu dii kane bɔɔ ne bɔɔlo a ne ɔtia Molde wɔ Ɛbɔ bosome ne da a ɔtɔ so du-mmiensa wɔ afe 2010 mu, berɛ a ne ɔyɛ 60th-minute substitute, wɔ 3–1 loss mu.[2] Abu bɛpiee mu sɛ obi a ne ɔyɛ unused substitute wɔ Norwegian Football Cup Final ne mu a ne ɔtia Follo a bɔɔlobɔkuo no de 2-0 dii nkunim.[3]


NE BƆƆLOBƆ WƆ ƆMAN FOFORƆ SO

Wɔ Ɔsanaa bosome ne da a ɔtɔ so nkron wɔ afe 2011 mu no, bɛfrɛɛ Abu bɛkaa Ghana kuo ne ho.[4] Ne bɔɔlo a ɔdii kane bɔeɛ wɔ ɔman foforɔ so maa Ghana yɛ Ahinime bosome ne da a ɔtɔ so nnwɔtwe wɔ afe 2011 mu deɛ no a ne ɔka 2012 Africa Cup of Nations qualification a ne ɔtia Sudan, ne ɔsane sii Derek Boateng ananem wɔ 75th minute a na ɛyɛ 2-0 agokansie mu nkonim ma Ghana Black Stars.[5]

Mboayɛ ahodoɔ

[edit | edit source]
  1. Godset, Godset | Flo: - En ufattelig gunstig og fin avtale
  2. Stromsgodset 1-3 Molde (Sep 13, 2010) Final Score - ESPN
  3. Godset stanget askeladdene i hjel
  4. Godset, Godset | Abu i landslagstroppen
  5. Sudan vs. Ghana | National Football Teams