Wp/abr/Lalas Abubakar
Alhassan "Lalas" Abubakar a bɛwoo no Ɔpɛnimma bosome ne da a ɔtɔ so aduonu-nnum wɔ afe 1994 mu yɛ Ghana bɔɔlobɔni a ɔbɔ mfimfini ma Major League Soccer Club FC Dallas
Ɔbra Ahyɛaseɛ
[edit | edit source]Bɛwoo no Kumasi. Bɛtetee Abubakar wɔ Ghana Ahenkro a ɔyɛ Nkran ne ɔkɔɔ suapɔn wɔ University of Ghana.Ɔde ne ho kɔkaa suapɔn ne bɔɔlobɔkuo ho. Afe 2013 mu berɛ a bɛyii ne bɔɔlobɔkuo mu baako kɔkaa Dayton Flyers Programs ho wɔ United States ho no, n'adamfo no dii Abubakar ho adanseɛ maa bɛfrɛɛ no bi. Ɛmfa ho ne akwanya ahodoɔ a ɔnyaa ne wɔ Europe no, Abubakar yɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛkɔ University of Dayton a ɔwɔ Ohio ne abɔ College Soccer ama Flyers.
Ne Bɔɔlobɔ Adwuma
Berɛ a ne College soccer offseason no ɔɔkɔ so no, Abubakar bɔ maa Premier Development League Club Charlotte Eagles. Bɛantim anni saa bɔɔlobɔ kuo yi so nkunim wɔ afe 2015 season ne mu.Bɛtoo Abubakar dini wɔ saa Eastern Conference team ne mu wɔ saa season ne mu ne ɔno so ne twa toɔ ma PDL's Young Player of the year abasobɔdeɛ no a ɔdii nkoguo de maa Timothy Mueller no. Season a ne ɔdi hɔ bio wɔ afe 2016 mu no, Abubakar kɔkaa Michigan Bucks ho.