Jump to content

Wp/abr/Kelvin Abrefa

From Wikimedia Incubator
< Wp | abr
Wp > abr > Kelvin Abrefa

Kelvin Opoku Abrefa a bɛwoo no Ɔpɛnimma bosome ne da a ɔtɔ so nkron yɛ Ghana Bɔɔlobɔni a ɔbɔ bɔɔlo sɛ ɔkofoɔ ma Reading. Ɔyɛ babunu a ɔsi Ghana ananemu wɔ aman foforɔ so a bɛwoo no Italy.

Ne bɔɔlobɔ adwuma ho asɛm

[edit | edit source]

Abrefa ne Reading ne hyɛɛ ne bɔɔlobɔ ase a ɔbaa mu wɔ 87th minute maa Tom Holmes wɔ 3-2 EFL Championship nkoguo wɔ Coventry City nsam wɔ Ɔgyefoɔ bosome ne da a ɔtɔ so du-mmienu wɔ afe 2022 mu.Ɔbɛnem bosome ne da a ɔtɔ so aduonu-nnum wɔ afe 2022 mu no, Abrefa ne Reading sanee ne kɔntrate a ne ɔbɛkɔ akɔsi summer 2024. Ɔhyɛɛ ne goo a ɔdi kane maa bɔɔlobɔkuo no wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɔtɔ so nson wɔ afe 2023 FA cup ne mu tiaa Watford berɛ a ne boɔ kɔ soro a ɔfirii nifa mpɔtam ne so yɛ dene pa ara nti ɔtwaa goalkeeper ne so ne ɔkɔhyɛɛ abɔntene fam dua ne mu yɛɛ goo.

Ne man foforɔ so adwuma

[edit | edit source]

N'awofoɔ yɛ Ghanafoɔ a bɛwoo no wɔ Italy. Berɛ a ɔɔnyini wɔ England no, ne Abrefa wɔ ho kwan sɛ ɔgyina mmiensa ne nyinaa ananemu wɔ ɔman foforɔ so. Bɛfrɛɛ Abrefa berɛ a ɔdi kane bɛkaa Ghana U20 bɔɔlobɔkuo ho wɔ afe 2022 maa 2022 Maurice Revello Tournament no. Abrefa toaa so kɔbɔɔ ne bɔɔlo a ɔdi kane wɔ Ayɛwohomumɔ bosome ne da a ɔtɔ so mmienu mu wɔ afe 2022 mu tiaa Indonesia U19.

N'abrabɔ

[edit | edit source]

Bɛwoo Abrefa wɔ Italy a n'awofoɔ so yɛ Ghanafoɔ ne afei ɔtu kɔɔ England berɛ a ne ɔsua no.