Wp/abr/Enoch Adu
Enoch Adu a bɛwoo no Ɛbɔ bosome ne da a ɔtɔ so du-nson wɔ afe 1998 mu yɛ Ghana bɔɔlobɔni a ne ɔbɔ amfini ma Trollhättan wɔ Swedish Ettan-Norra league.
N'ahyɛaseɛ
[edit | edit source]Adu hyɛɛ ne bɔɔlobɔ ase wɔ colts team wɔ Kumasi, Ghana, ne Right to Dream Academy ne bɛsɔɔ ne hwɛeɛ wɔ afe 2009 Milo tournament (bɔɔlobɔ akansie wɔ Ghana ma Basic School mmɔfra) mu. Bɛmaa Adu abasobɔdeɛ sɛ ɔnkɔsua bɔɔlobɔ ho adeɛ wɔ Right to Dream Academy wɔ Ghana. Ɔwiee sukuu no wɔ afe 2015 ne ɔka bɛ a bɛnim bɔɔlo ho asɛm yie ne ho. Ɔwɔ sukuu mu hɔ no, English Premier League team Manchester City FC sɔɔ ne hwɛeɛ. Adu ne n'adamfo Abdul Mumin tuu kwane kɔɔ Denish side FC Nordsjælland ne bɛsɔɔ bɛ hwɛeɛ wɔ Vejle football club wɔ Denmark, ne SC Braga wɔ Portugal.
Ne Bɔɔlobɔ Adwuma
[edit | edit source]Inter Allies
[edit | edit source]Adu bɔɔ ne bɔɔlo a ɔdi kane maa Ghana Premier League team Inter Allies FC wɔ Ayɛwohomumɔ bosome ne da a ɔtɔ so aduonu-nsia wɔ afe 2016 a ne ɔyɛ 1-0 win tiaa Sekondi Hasaccas a ɔfirii bench wɔ 55th minute mu berɛ a ɔne Inter Allies sanee kɔntrate a ɔbaa awieeɛ wɔ afe 2015-2016.