Jump to content

Wp/abr/Constance Elizabeth Swaniker

From Wikimedia Incubator
< Wp | abr
Wp > abr > Constance Elizabeth Swaniker

Script error: No such module "Wp/abr/Databox".

Constance Elizabeth Swaniker (bɛwoo no Ɔbɛnem 30, 1973) yɛ Ghanani a ɔyɛ odumgyafoɔ, ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ne adwumayɛfoɔ.[1][2] Ɔno ne ɔhyehyɛɛ Accent & Arts ne CEO na ɔsane nso hyehyɛɛ Design neTechnical Institute (DTI) wɔ Nkran.[1][2][3][4][5][6]

Ɔbra ahyɛaseɛ ne nhomasua

[edit | edit source]

Wɔwoo Swaniker wɔ 30 Ɔbɛnem 1973 wɔ Nkran, Ghana.[7][8] Ná ɔwɔ ne mmofraaseɛ nhomasua he fa bi wɔ Botswana, Zimbabwe, ne Gambia. Akyiri yi ɔkɔɔ Accra Academy kɔyɛɛ ntoasoɔ sukuu, faako a onyaa ne A-Level adansedie krataa wɔ afe 1993 mu.[1] Ne ntoasoɔ sukuu akyi he, ɔde ne dini kɔhyɛɛ Kwame Nkrumah Nyansahu ne Mfiridwuma Sukuupɔn mu sɛ ɔrekɔyɛ bachelor of Arts degree wɔ Sculpture mu, ne ɔno akyi he owiee sukuu wɔ afe 1999 mu.[7] Following her secondary education, she enrolled at the Kwame Nkrumah University of Science and Technology to pursue a bachelor of Arts degree in Sculpture, after which she graduated in 1999.[2][7][8][9]

Adwuma

[edit | edit source]

Bere a ne ɔwɔ sukuupɔn he mu no, Swaniker yɛɛ adwuma sɛ obi a ɔresua adwuma a ne ho akokwaw wɔ duadwumfoɔ adwuma mu wɔ Art Deco Ltd.[7] Asram asia akyi a owiee Kwame Nkrumah Nyansahu ne Mfiridwuma Sukuupɔn no, ɔhyehyɛɛ Accents & Art Ltd Ghana adwumakuw bi a wɔde dade a wɔayɛ, poma ne ahwehwɛ yɛ adwinni ho nneɛma, na wɔde Design and Technology Institute (DTI) nso ka ho.[2][7][10][11][12][13] Ɛnam ayɔnkofa a wɔne sukuupɔn ahodoɔ te sɛ Kwame Nkrumah Nyansahu ne Mfiridwuma Suapɔn, Ashesi Suapɔn, Takoradi Mfiridwuma Suapɔn, ne Ho Mfiridwuma Suapɔn ayɛ so no, Accent & Arts atumi de adwumayɛ ho nteteeɛ ne apam mu adesua ama mmabun bɛboro 600 firi afe 2009.

Wɔ Oforisuo 2016 mu no, Swaniker hyehyɛɛ na ɔbɛyɛɛ Design ne Technical Institute (DTI)[1][14][15][16][17][18][19] adesua asoɛeɛ a bɛayɛ sɛ bɛde besiw nsonsonoeɛ a ɔda adesua ne nnwuma ntam he ano. Ne dae ne sɛ ɔde n’asɛm hɛ bedi dwuma de ahyɛ mmea pii nkuran ma bɛakɔ ɔfrɛ ahodoɔ a bɛde atetesɛm asi hɔ ama mmarima he mu.[2][3][20]

N'adwuma ahodoɔ

[edit | edit source]

Bɛde Swaniker adwuma he akyerɛ wɔ ɔyɛkyerɛ ahodoɔ pii mu wɔ Ghana ne Ghana akyi. Nea ɔka ho ne nea ɔdi kane a ɔde kyerɛe he; Passage of Discovery, a bɛyɛɛ he ​​wɔ Alliance of Artists Gallery no. Dwumadie he firi 22 June kɔsi 6 July 2011. Bɛde n’adwuma nso kyerɛɛ wɔ Juxtaposed, Light & Darkness ɔyɛkyerɛ a bɛyɛɛ he ​​wɔ Nike Arts ne Cultural Center adan mu wɔ Nigeria firi 5 November kɔsi 14 November 2011. Wɔ Oforisuo 2015 mu no, wɔde ne ndwuma kyerɛɛ wɔ UNESCO adwumayɛbea ti wɔ Paris.

Nidi a bɛde ma

[edit | edit source]

Bɛ agye Swaniker nnwuma atom wɔ mpɔtam hɔ ne amanaman ntam. Wɔ afe 2010 mu no, ne ɔnyaa The Network Journal Africa 40 under 40 Achievement abasobɔdeɛ. Saa afe he ara mu no, SME Innovation Award nhyehyɛe he gyee he toom sɛ ɔyɛ adwumayɛfoɔ a ɔsene biara. Wɔ afe 2013 mu he wɔmaa no LISCO Be Your Dream Award, ne Metal Product of the Year Award. Saa afe he ara mu no ne ɔyɛ Ɔmantam Ɔman Nkonimdifo wɔ Afrika Mmea a Bɛanya Nkɛntɛnso Sene Biara wɔ Akannifoɔ ne Aban mu Abasobɔdeɛ mu. Wɔ afe 2014 mu no, n’adwumakuw, Accent ne Arts yɛɛ Ɔman ne Ɔmantam Nkonimdifoɔ wɔ Metal fabrication company of the year abasobɔdeɛ.[1] Wɔ afe 2017 mu he na ɔnyaa Afrika Mmea a Bɛwɔ Nkɛntɛnsoɔ Pa wɔ Adwumayɛ ne Aban mu, ne Ɔbaa a Ɔyɛ Nkɛntɛnsoɔ Abasobɔdeɛ wɔ Ghana adwinnan abasobɔdeɛ he mu. Ɔnyaa Ghana Manufacturing abasobɔdeɛ foforɔ wɔ afe 2018 mu.

N'abrabɔ mu nsɛm

[edit | edit source]

Constance Swaniker yɛ ɛna a wahyira ne ho so a ɔwɔ mma baanu (2).

[21][22]

  1. 1 2 Template:Wp/abr/Cite web
  2. 1 2 3 4 Template:Wp/abr/Cite web
  3. 1 2 Template:Wp/abr/Cite web
  4. Template:Wp/abr/Cite web
  5. Template:Wp/abr/Cite web
  6. Template:Wp/abr/Cite web
  7. 1 2 3 4 5 Template:Wp/abr/Cite web
  8. 1 2 Template:Wp/abr/Cite web
  9. Template:Wp/abr/Cite web
  10. Template:Wp/abr/Cite web
  11. Template:Wp/abr/Cite web
  12. Template:Wp/abr/Cite web
  13. Template:Wp/abr/Cite web
  14. Template:Wp/abr/Cite web
  15. Template:Wp/abr/Cite web
  16. Template:Wp/abr/Cite web
  17. Template:Wp/abr/Cite web
  18. Template:Wp/abr/Cite web
  19. Template:Wp/abr/Cite web
  20. Template:Wp/abr/Cite web
  21. Template:Wp/abr/Cite web
  22. Template:Wp/abr/Cite book