Wp/abr/Asumah Abubakar
Asumah Abubakar-Ankrah a bɛwoo no Kotonima bosome ne da a ɔtɔ so du wɔ afe 1997 mu yɛ bɔɔlobɔni a ne ɔbɔ anim ma Australian Brisbane Roar bɔɔlobɔ kuo. Bɛwoo no wɔ Ghana a ɔka Portugal mmabunu a bɛbɔ bɔɔlo ne ho.
Ne Bɔɔlobɔ Adwuma
[edit | edit source]Bɛwoo no Kumasi, Ghana. Willem II nsɔhwɛ a bɛsɔɔ no hwɛeɛ no kɔɔ yie wɔ afe 2015 mu nanso ne ɛwɔ sɛ ɔtwɛn kɔsi sɛ afe foforɔ bɛba ne ɔne bɛ asane kɔntrate ɔsiane adwuma ho haw nti.Nkakrankakra ɔbɛnyaa Portuguesefoɔ pasepɔto firi sɛ ne papa ayɛ adwuma wɔ ɔman ne mu mfeɛ bebree ɛnna Ɔbɛnem bosome ne da a ɔtɔ so mmienu wɔ afe 2016 mu no, ɔde ne ho kɔbataa Dutch bɔɔlobɔkuo no mmerɛtia bi.
Ɔman Foforɔ so Adwuma
[edit | edit source]Ɔnyaa akwanya bɛyɛɛ Portugueseni no, ɔyɛɛ sɛ ɔbɛgyina ne mane ananemu. Ayɛwohomumɔ bosome ne da a ɔtɔ so du-nsia wɔ afe 2016 mu no, bɛyii ne kaa 23-man preliminary kuo ne ho maa afe 2016 UEFA European Under-19 championship ne ɔsane bɛkaa kuo a ne ɔtwa toɔ ne ho a ɔhyɛɛ goo 4-3 de dii Germany so nkunim. Berɛ tiawa bi akyi no, akyinnyegyeɛ baa mu sɛ ɔdi mu a maa Portuguese Football Federaton hyɛɛ sɛ bɛnyi ne mfirim ntwɛne mma mpanimfoɔ nte aseɛ ansa.