Jump to content

Wp/abr/Asotifoɔ wɔ Ghana

From Wikimedia Incubator
< Wp | abr
Wp > abr > Asotifoɔ wɔ Ghana
Deaf people playing basketball, 2017 (01)

Asotifoɔ a bɛwɔ Ghana he de asetena mu animtiaabuo kɛseɛ kɔ.[1] Asotifoɔ a bɛwɔ Ghana nso yɛ asotifoɔ a bɛ ho gu ahodoɔ, a fa kɛse no ara firi abane nhyehyɛeɛ, anaasɛ bɛ ni bi. Ghanafoɔ a bɛ yɛ asotifoɔ paw bɛho firi nsɛnkyerɛnneɛ kasa ahodoɔ bi mu, na wɔbu akontaa sɛ bɛ mu dodoɔ no ara yɛ Ghana Nkyerɛwee Kasa.[2] Bɛ nim ankorankoro dodoɔ pɔtee a bɛ yɛ asotifoɔ wɔ Ghana ampa, nanso bɛbu akontaa sɛ asotifoɔ bɛyɛ 110,000 kɔpem 211,000 na bɛ aso yɛ den wɔ Ghana. Asotifoɔ nimdeɛ akɔ soro wɔ Ghana firi berɛ a ɔkyerɛkyerɛfoɔ Andrew Foster a bɛfiri Amerika baeɛ wɔ afe 1957. Sukuu ahodoɔ bɛboro dumien na bɛwɔ hɔ a ɛkyerɛkyerɛ Ghanafoɔ a bɛ yɛ asotifoɔ, nee ahyehyɛdeɛ dodoɔ bi a bɛkamfo Ghana asotifoɔ kyerɛ.[3][4][5][6]

Stigma ahodoɔ

[edit | edit source]

Ghanafo a bɛ yɛ asotifoɔ hyia asetra mu animtiaabu a anibereɛ bɛ wɔ mu. Mpɔtam hɔfoɔ ahodoɔ naa susuw sɛ asotiw yɛ nnomeɛ, na bɛtaa de ma sɛ asotwe wɔ bɔne bi a bɛ ayɛ wɔ asetra a atwamu ho. Saa animtiaabu yi taa ma bɛ awofoɔ bu bɛ ani gu mmofra a bɛ yɛ asotifoɔ so. Abenfoɔ gye di sɛ asotifoɔ ho ntease a bɛ nni wɔ ɔmanfoɔ mu no ma bɛpow mmofra a bɛ yɛ asotifoɔ, na esi bɛ kwan sɛ bɛ benya nkɔsoɔ mu nneɛma a ɛho hia te sɛ kasa a bɛ benya.[1] Wɔ akwane a ɛte saa he, bɛbu nsaano nkyerɛwee sɛ nkitahodie a bɛtɔ so abien, na bɛankyerɛkyerɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu.[1] Ebia ɛnam animtiabuo nti, DHH ankorɛnkorɛ a bɛwɔ Ghana bɔ amanneɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔayɛ ankonam na wɔate wɔn ho. Ɛtaa ba sɛ DHD ankasa abusua bi nnim sɛdeɛ wɔde wɔn nsa bɛhyɛ aseɛ. DHD ankorɛankorɛ ahodoɔ te nka sɛ bɛ tumi nee DHHD foforɔ di nkitaho yiye.[7]

Mumu kasa ahodoɔ

[edit | edit source]

Nsɛnkyerɛnneɛ kasa ahodoɔ nnan na bɛde di dwuma wɔ Ghana. Animdefoɔ ahodoɔ gye di sɛ ade titiriw baako a Ghana anim ne sɛ aban no mmoa mma aban kasa a ɛkyerɛ sɛ bɛde bɛ nsa ahyɛ ase wɔ Ghana. Wɔ afe 2006 he mu, Ghana aban too Nnipa a Bɛadi M dɛm Mmara no sɛnea ɛbɛyɛ a bɛ a bɛadi dɛm he benya hokwan (Persons With Disability Act) a bɛ yɛ pɛ. Akyiri yi bɛ gyee saa mmara yi toom wɔ afe 2012 mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɛ de ahobanbɔ ahodoɔ bɛma; nanso, abenfoɔ ahodoɔ a bɛwɔ asɛm he mu rehwehwɛ sɛ wɔsan gye tom bio sɛ bɛde Ghana mmubuafoɔ ho nhyehyɛe he nee ahwehwɛdeɛ ahodoɔ a Aman Ahodoɔ Nkabom Apam a Bɛ fa Hokwan a Nnipa a Bɛadi Mdɛm wɔ Ho (United Nations' Convention on the Rights of Persons with Disabilities) he kyerɛ no hyia.

Aduruyɛ mu afa ahodoɔ

[edit | edit source]

Bɛnsua nneɛma a bɛde aso mu dɛmdi ba wɔ Ghana he ho ade yiye. Deɛ yɛnim ne sɛ, bɛtaa nya aso mu dɛmdie anaasɛ bɛnya firi awo mu. Mprɛn ahodoɔ he, na mmea taa nya asiane kɛse sɛ bɛ benya asɛm he mu dɛmdi sene mmarima, na mpanyimfoɔ nso dɔɔso sene mmofra. Ɛdefa agyapadeɛ a bɛte ho asɛm a entumi nyɛ adwuma yiye ho he, nhwehwɛmu ahodoɔ de awosu mu nkwaadɔm baako titiriw abata aso a bɛte a bɛhwere ho; nanso, bɛansua awosu mu nkwaadɔm foforɔ biara ho ade. Sɛ yɛka ne nyinaa bomu a, nhwehwɛmu ahodoɔ ho hia na ama bɛatumi akyerɛ nneɛma a bɛde ba a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ kɛse.

Baabi a ɛbɛn tebea he kyerɛ sɛ ano aduru titiriw a bɛde bɛma asotifoɔ a bɛwɔ Ghana ne sɛ bɛ bɛkyerɛkyerɛ nsɛnkyerɛnne kwane so kasa wɔ sukuu ahodoɔ mu ama asotifoɔ. Nokwaremu he, Ghana asotifoɔ sukuu ahodoɔ dunnan (14) he mu biara nni hɔ a bɛde mfiri biara a bɛde tie asɛm ma bɛ sukuufoɔ. Asotifoɔ a bɛde bɛ nsa hyɛ ase nkutoo na ama ɛyɛ den ma bɛ sɛ bɛ benya akwahosan ho nhyehyɛe a ɛfata esiane nkitahodi akwansideɛ ahodoɔ a ɛda bɛ a bɛ hwɛ ɔhwɛ nee ayarefoɔ ahodoɔ ntamu nti.

Asotifoɔ fekuw ahodoɔ

[edit | edit source]

Asotifoɔ fekuw titiriw a bɛ wɔ Ghana ne Ghana Ɔman Fekuw a Bɛ hwɛ Asotifoɔ So (Ghana National Association of the Deaf). Bɛde GNAD sii hɔ wɔ afe 1968 mu, na Ghana Ministry of Manpower gye tom sɛ bɛ yɛ ahyehyɛdeɛ a bɛtu bɛ ho ma. GNAD yɛ Wiase Asoɛeɛ he muni na bɛ ka Ghana ahyehyɛdeɛ a bɛ hwɛ Ghana so he ho. GNAD botaeɛ ne sɛ bɛbɛsesa asetena mu animtiaabuo a bɛfa asotifoɔ ho denam nwomasua nee agumadiɛ dwumadie a bɛahyehyɛ so. GNAD nso hwehwɛ sɛ bɛbɛboa asotifoɔ a bɛrepere wɔ sikasɛm mu denam ahokokwaa a bɛ bɛtumi de adi dwuma wɔ adwadie bi mu a bɛ bɛkyerɛkyerɛ bɛ he so.

Bio nso GNAD wɔ mmabun kuw a bɛ frɛ wɔn (GNAD-YS) a bɛde bɛ adwene asi nkyerɛkyerɛ a bɛde bɛma mmofra a bɛyɛ asotifoɔ so sɛnea bɛ bɛyɛ a bɛbetumi de bɛ ho ahyɛ sikasɛm mu na bɛabɔ wɔn bra a ahobammɔ womu. Bɛde GNAD-YS sii hɔ wɔ afe 2009 mu a na bɛ botaeɛ titiriw ne sɛ bɛ bɛyi nkitahodiɛ akwansideɛ afiri hɔ na bɛapiapia akɔ hokwan a bɛ yɛ pɛ ama asotifoɔ ankorankoro. GNAD nso wɔ mmaa baa dwumadibea a bɛatwa he tiaa sɛ GNAD-WW. Mmea baa dwumadibea no adwene ne sɛ bɛ bɛboa mmea a bɛ yɛ asotifoɔ na bɛama bɛ tumi. Wɔ Ghana he, animtiaabu bi wɔ hɔ a ɛfa mmea a wɔyɛ asotifoɔ ho, sɛ bɛntumi anaasɛ bɛ yɛ mmerɛɛ. Ɛyɛ GNAD-WW botaeɛ sɛ bɛ bɛko atia saa animtiaabuo yi. Mmarima ayayade yɛ ɔhaw ma mmea a wɔyɛ asotifoɔ wɔ Ghana. Ɛnyɛ nea ɛntaa nsi sɛ mmarima besi gyinae ama mmea a bɛ yɛ asotifoɔ a bɛnsusuw ɔbea he ahiadeɛ ho. Mmea baa dwumadibea no rebɔ mmɔdene sɛ bɛ bɛko atia eyi denam tumi a bɛ bɛhyɛ mmea ma bɛayɛ ho biribi ne mmarima a bɛrebu bɛ animtiaa he so.

Mmoayɛ ahodoɔ

[edit | edit source]

  1. 1 2 3 "The Silenced and Isolated: Struggles of Ghana's Deaf Community". BORGEN. 2020-11-09. Retrieved 2021-10-06.
  2. Owoo, Mama Adobea Nii. "Sign language needs policy protection in Ghana". The Conversation. Retrieved 2021-10-06.
  3. Owoo, Nkechi S.; Page, John (2017-02-16), "Industrial Policy in Ghana", The Economy of Ghana Sixty Years after Independence, Oxford University Press, pp. 176–191, doi:10.1093/acprof:oso/9780198753438.003.0011, ISBN 978-0-19-875343-8, retrieved 2021-10-04
  4. "About GNAD – Ghana National Association of the Deaf (GNAD)". Archived from the original on 2021-10-07. Retrieved 2021-10-07.
  5. "Ghana National Association of the Deaf, Youth Section". Mill Neck International. Retrieved 2021-10-09.
  6. "Deaf Women Leaders in Ghana, Africa: Empowerment, Advancement > Mill Neck International". Mill Neck International. Retrieved 2021-10-09.
  7. Borren, Daaf. "In Ghana, the deaf live in isolation". www.aljazeera.com. Retrieved 2021-10-06.